Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ Nkurɔfo Rekeka Me Ho Nsɛm Nso Ɛ?

Sɛ Nkurɔfo Rekeka Me Ho Nsɛm Nso Ɛ?

 Nea enti a ɛyɛ yaw

 Nsɛnkeka bi wɔ hɔ a, adwemmɔne taa akyi. Ebi ne sɛ obi ahyɛ da atwa atoro ato wo so de resɛe wo din. Sɛ nsɛm a obi akeka afa wo ho no nhaw adwene pii mpo a, ebetumi ayɛ wo yaw. Sɛ onipa a ɔmaa asɛm no hyetae anaa ɔmaa nnipa pii tee no yɛ obi a ɔbɛn wo pɛɛ a, ɛnde ebetumi akɔ wo ho paa!—Dwom 55:12-14.

 “Metee sɛ m’adamfo bi akeka me ho nsɛm bere a na minni hɔ. Nea ɔkae ne sɛ, minnwen nnipa ho. Saa asɛm no hyee me paa! Ná minhu nea enti a me yɔnko bea bɛka asɛm a ɛte saa afa me ho.”—Ashley.

 Nokwasɛm: Sɛ onipa a ɔkekaa nsɛmmɔne faa wo ho no yɛ w’adamfo bi a ɔbɛn wo paa oo, sɛ ɛnte saa oo, ɛyɛ yaw paa.

 Nea enye wɔ ho—ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi asiw ano

 Nneɛma bi nti na ebinom keka nkurɔfo ho nsɛm. Saa nneɛma no, ebi ni:

 Adwempa a wɔwɔ. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, yɛpɛ fekubɔ. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho bɔ nkɔmmɔ, na yɛka afoforo ho nsɛm nso. Nea ɛwom mpo ne sɛ, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yennwen afoforo ho.’Filipifo 2:4.

 “Nkɔmmɔ a ɛyɛ dɛ paa ne nea ɛfa nnipa ho!”—Bianca.

 “Me de, nokware no ara ne sɛ, ɛyɛ a na mepɛ sɛ mihu nea ɛrekɔ so wɔ nkurɔfo abrabɔ mu, na me ne afoforo ka ho asɛm. Minnim nea enti oo. Yɛ ara na ɛyɛ me dɛ.”—Katie.

 Wɔnni hwee yɛ. Nkurɔfo bi tenaa ase wɔ asomafo no bere so. Saa nkurɔfo no, ‘sɛ wonni hwee yɛ a, nea na wɔyɛ ara ne sɛ wɔka nsɛm foforo anaa wotie nsɛm foforo.’ (Asomafo Nnwuma 17:21) Ɛnnɛ nso, saa ara na nnipa bi te!

 “Ɛtɔ da na sɛ nkɔmmɔdɛ biara nni hɔ a, asɛm biara a ɛnyɛ asɛm, ná nkurɔfo akɔfa aba reka ho asɛm.”—Joanna.

 Wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee. Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛbɛte nka saa, ɛno nti na ɔnam Bible so bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛamfa yɛn ho antoto afoforo ho no. (Galatifo 6:4) Nanso, wɔn a wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee no, ebinom keka afoforo ho nsɛmmɔne kyerɛ nkurɔfo. Wɔyɛ saa a, na ama wɔate nka sɛ wɔn nso, sɛ yɛreka ɔmanfo a, wɔka ho bi.

 “Nkurɔfo a wɔdi nseku bɔne no, nsɛm a wɔkeka no, ɛyɛ a ɛtaa ma yehu wɔn suban. Mpɛn pii no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, wɔn ani bere onipa a wɔredi ne ho nseku no. Sɛ wɔtrɛw yɛsee-yɛsee no mu saa a, ɛma wɔn ho tɔ wɔn, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ gyama wɔkyɛn onipa a wɔredi ne ho nseku no.”—Phil.

 Nokwasɛm: Sɛ wopɛ oo, sɛ wompɛ oo, ebinom bɛkeka nkurɔfo ho nsɛm, na wo nso, kakra bɛka wo.

 Nea eye wɔ ho—wubetumi ayɛ ho biribi na anka wo anhyɛ

 Ebia ɛnyɛ nsɛm a nkurɔfo keka fa wo ho nyinaa na wubetumi asiw ano, nanso nea wobɛyɛ afa ho de, ɛwɔ wo ara wo nsam. Sɛ wote sɛ nkurɔfo rekeka wo ho nsɛm a, nneɛma mmienu na wubetumi ayɛ.

 NEA EDI KAN: Wubetumi abu w’ani agu so. Mpɛn pii no, nea eye paa ne sɛ wubegyaa asɛm no mu ama aka, titiriw, bere a asɛm no nyɛ asɛm biara no. Fa Bible afotu yi yɛ adwuma: “Nyɛ ntɛm mfa abufuw.”—Ɔsɛnkafo 7:9.

 “Ná ayɛ huhuhuhu sɛ me ne aberante bi retwe mpena. Aberante no koraa, na minhyiaa no da oo! Ná ɛyɛ nsɛnhunu, enti manhaw me ho wɔ ho koraa.”—Elise.

 “Nsɛnkeka de, ano aduru ara ne sɛ wubenya din pa. Sɛ nkurɔfo keka nsɛmmɔne fa wo ho, na sɛ wowɔ din pa a, nnipa kakraa bi na wɔbegye adi. Na esiane sɛ bɔne nsuma nti, nokware a ɛwɔ nea wɔrekeka no mu de, sɛnea ɛte biara, ɛbɛda adi ama obiara ahu.”—Allison.

 Nyansahyɛ: Kyerɛw (1) asɛm a wɔka faa wo ho, ne (2) sɛnea ɛma wotee nka. Sɛ wunya ka ‘w’asɛm wɔ wo koma mu’ wie a, ebia ɛrenyɛ den koraa sɛ wubeyi afi wo tirim.—Dwom 4:4.

 NEA ƐTƆ SO MMIENU: Onipa a ofii ase kekaa wo ho nsɛm no, wo ne no nkɔkasa. Ɛtɔ da a, ebia wubehu sɛ nsɛm a nkurɔfo rekeka fa wo ho no, ɛyɛ aniberesɛm paa ma ebehia sɛ wo ne onipa a ofii nsɛnkeka no ase no kɔkasa.

 “Sɛ wokɔ wɔn a wɔrekeka wo ho nsɛm no nkyɛn na wo ne wɔn kɔkasa a, ebia wɔbehu sɛ, wokeka obi ho nsɛm wɔ n’akyi a, ɛwom wom ara a ɔbɛte. Afei, ɛbɛma woatumi de asɛm no ato nea ɛda, na ebi mpo a, moasiesie asɛm no ama asɛm de n’asɛm akɔ.”—Elise.

 Ansa na wobɛkɔ obi a wakeka wo ho nsɛm hɔ ne no akɔkasa no, di kan dwinnwen Bible afotu a edidi so yi ho, na bisa wo ho nsɛm a ɛka ho no.

  •   “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate emu nokware a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.” (Mmebusɛm 18:13) ‘Asɛm no, mate mu nokware nyinaa anaa? Onipa a ɔbɛkaa nseku bɔne no ho asɛm kyerɛɛ me no, ebetumi aba sɛ te na wante nea nkurɔfo rekeka no ase yiye anaa?’

  •   ‘Yɛ ntɛm tie asɛm; mmpere wo ho nnkasa, anaa mmpere wo ho mmfa abufuw.’ (Yakobo 1:19) ‘Onii a ɔrekeka me ho nsɛm no, saa bere yi ne bere pa a ɛsɛ sɛ me ne no kɔkasa anaa? Nea me ne no rekɔka yi, migye di sɛ adwenem fann na mede rekɔyɛ saa, anaa mabɔ me tirim pɔw dedaw? Anaa ɛbɛyɛ papa sɛ mɛtwɛn akosi sɛ me bo bedwo?’

  •   “Sɛnea mopɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma mo no, mo nso monyɛ saa ara mma wɔn.” (Mateo 7:12, NET Bible) ‘Sɛ me na mekekaa obi ho nsɛm saa a, sɛn na anka mɛpɛ sɛ onipa no ne me bɛkasa? Ɛhe na anka mɛpɛ sɛ ɔne me bɛka nea asi no ho asɛm? Nsɛm bɛn na meka a ɛbɛboa, na nneyɛe bɛn na meda no adi a ɛbɛma akɔ yiye paa?’

 Nyansahyɛ: Ansa na wo ne onipa a ɔkekaa wo ho nsɛm no bɛkɔ akɔkasa no, kyerɛw nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛka no to hɔ. Afei twɛn nnawɔtwe anaa nnawɔtwe mmienu, na san kan nea wokyerɛwee no; hwɛ sɛ wopɛ sɛ wosesa biribi wom anaa. Bio nso, nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛka no, wo ne wo maame anaa wo papa, anaa w’adamfo bi a n’adwenem dɔ mmɔ ho nkɔmmɔ, na gye n’adwenkyerɛ.

 Nokwasɛm: Nneɛma pii wɔ asetena mu a, ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi ayɛ ho biribi. Nsɛnkeka nso ka ho bi. Nanso wei nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woma ɛka wo hyɛ!