MMABUN BISA SƐ
Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 2: Nea Ehia Sɛ Woyɛ Ansa Na Woabɔ Asu
Sɛ wode Bible akwankyerɛ rebɔ wo bra, na wo ne Onyankopɔn refa adamfo a, ɛnde ebia a woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woayɛ krado sɛ wobɛbɔ asu? a
Nea yɛrebɛka ho asɛm
Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ mihu ansa?
Sɛ woayɛ w’adwene sɛ wobɛbɔ asu a, ɛnkyerɛ sɛ wobɛkyere nneɛma a woresua nyinaa agu wo tirim sɛnea ebia obi pɛ sɛ otwa sukuu sɔhwɛ a, ɔyɛ no. Mmom, ehia sɛ wode ‘w’adwene yɛ adwuma susuw nneɛma ho’ na ɛma wusi pi sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no na ɛyɛ nokware. (Romafo 12:1) Ɛho nhwɛso ni:
Wugye di paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɛfata sɛ wosom no anaa?
Nea Bible ka: “Obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”—Hebrifo 11:6.
Bisa wo ho sɛ: ‘Adɛn nti na migye Onyankopɔn di?’ (Hebrifo 3:4) ‘Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mesom no?’—Adiyisɛm 4:11.
Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Creation or Evolution?—Part 1: Why Believe in God?”
Wugye di paa sɛ Bible mu nsɛm fi Onyankopɔn hɔ?
Nea Bible ka: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, kasakyerɛ, nneɛma ateɛteɛ, na ɛteɛ yɛn so ma yɛyɛ nea ɛteɛ.”—2 Timoteo 3:16.
Bisa wo ho sɛ: ‘Adɛn nti na migye di sɛ ɛnyɛ nnipa nsusuwii na ɛwɔ Bible mu?’—Yesaia 46:10; 1 Tesalonikafo 2:13.
Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?—Ɔfã 1: Kenkan Wo Bible Na Hu Nea Ɛwom.”
Wugye di paa sɛ Yehowa de Kristofo asafo no na ɛreyɛ n’adwuma?
Nea Bible ka: “[Onyankopɔn] na anuonyam mfa asafo no ne Kristo Yesu so nka no daa daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Efesofo 3:21.
Bisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma a misua fi Bible mu wɔ Kristofo nhyiam ase no, mibu no sɛ ɛyɛ nnipa asɛm anaa ɛyɛ Yehowa asɛm?’ (Mateo 24:45) ‘Sɛ m’awofo antumi ankɔ Kristofo nhyiam mpo a, ɛyɛ a mekɔ (bere a wɔama me kwan sɛ menkɔ no)?’—Hebrifo 10:24, 25.
Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ Asafo Nhyiam Wɔ Ahenni Asa So?”
Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?
Enhia sɛ wobɛyɛ wo biribiara pɛpɛɛpɛ ansa na woabɔ asu. Nanso ɛsɛ sɛ woda no adi sɛ wopɛ paa sɛ ‘wotwe wo ho fi bɔne ho na woyɛ papa.’ (Dwom 34:14) Ɛho nhwɛso ni:
Wode Yehowa mmara rebɔ wo bra?
Nea Bible ka: “Munkura ahonim pa mu.”—1 Petro 3:16.
Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ mede m’adwene “yɛ adwuma ma enti” matete “no ama etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe no.”?’ (Hebrifo 5:14) ‘Metumi akae mmere pɔtee bi a na me nnamfo pɛ sɛ meyɛ biribi bɔne a mampene? Me nnamfo yɛ nkurɔfo a wɔboa me ma meyɛ nneɛma pa?’—Mmebusɛm 13:20.
Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Mɛyɛ Dɛn Atete M’ahonim Anaa Me Tiboa?”
Wugye tom sɛ nea wobɛyɛ biara no, wubebu ho akontaa akyerɛ Yehowa?
Nea Bible ka: “Yɛn mu biara bebu ɔno ara n’akontaa akyerɛ Onyankopɔn.”—Romafo 14:12.
Bisa wo ho sɛ: ‘Midi nokware wɔ m’abrabɔ mu, na meka nokware kyerɛ afoforo?’ (Hebrifo 13:18) ‘Midi mfomso a migye tom anaa mekatakata so anaa mede hyɛ afoforo?’—Mmebusɛm 28:13.
Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Midi Mfomso a, Ɛdɛn na Metumi Ayɛ?”
Wo ne Yehowa adamfofa no, worehyɛ mu den?
Nea Bible ka: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.
Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛdɛn na mereyɛ na ama mabɛn Yehowa?’ Wubetumi abisa sɛ, ‘Mpɛn dodow sɛn na mekan Bible?’ (Dwom 1:1, 2) ‘Mebɔ mpae daa?’ (1 Tesalonikafo 5:17) ‘Sɛ merebɔ mpae a, meka nneɛma pɔtee ho asɛm anaa? Me nnamfo yɛ Yehowa nnamfo anaa?’—Dwom 15:1, 4.
Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?—Ɔfã 2: Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye?” ne “Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Mpae?”
NYANSAHYƐ: Nea ɛbɛboa wo ama woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woabɔ asu no, kenkan Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 2, Borɔfo de no kratafa 37. Nea wubetumi ama w’adwene akɔ so paa ne dwumadi krataa a ɛwɔ nkratafa 308 ne 309 no.
a Kenkan asɛm yi, “Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 1.” Ɛma yehu nea woyɛ a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama Onyankopɔn na ɛma yehu nea enti a ɛho hia sɛ wobɔ asu.