MMABUN BISA SƐ
Mayɛ Asoɔden Wɔ Fie—Dɛn Na Menyɛ?
Ɛkame ayɛ sɛ ofie biara mmara wom; mmusua bi mu no, wotumi kyerɛ bere a ɛsɛ sɛ obiara de ba fie, sɛnea wɔde abɛɛfo mfiri bedi dwuma, ne sɛnea wɔde nidi bɛma afoforo.
Sɛ wubu mmara no bi so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Nea asi no, wuntumi nyɛ ho hwee, nanso wubetumi ayɛ biribi na asɛm no ansɛe. Ɛno na yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha.
Nea ɛnsɛ sɛ woyɛ
Sɛ w’awofo nnim sɛ woato mmara anaa woayɛ asoɔden a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ mma wonnhu akyi.
Sɛ wohu sɛ woayɛ asoɔden a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ pɛ asɛm bi yi wo ho ano anaa prɛ to obi so.
Emu biara nye. Adɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ mmofrasɛm sɛ nea asi no, wode besie anaa wobɛpɛ biribi de ayi wo ho ano. Ɛbɛma w’awofo ahu sɛ nkwadaasɛm da so ara wɔ w’ani so.
“Mfaso nni so sɛ wubedi atoro. Ɛyɛ dɛn ara a, nokware no bɛda adi, na sɛ ɛba saa a, asotwe a wubenya no, sɛ wokaa nokware no ntɛm a, anka eye.”—Diana.
Ɔkwan pa a wubetumi afa so
Gye wo mfomso tom. Bible ka sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye.” (Mmebusɛm 28:13) W’awofo nim sɛ wuntumi nyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a mfomso mma mu. Nanso wonim sɛ nokware de, wubetumi aka, enti wɔpɛ sɛ woka nokware.
“Sɛ woka nokware a, w’awofo bɛte wo ase ntɛm na wɔahu wo mmɔbɔ. Sɛ woma wohu asɛm no mu nokware a, ɛbɛma wɔanya gyidi kɛse wɔ wo mu sɛ woyɛ ɔnokwafo.”—Olivia.
Pa kyɛw. Bible ka sɛ: “Momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen.” (1 Petro 5:5) Sɛ obi nni ahobrɛase a ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛpa kyɛw; mmom ɔbɛpɛ nsɛm pii de ayiyi ne ho ano.
“Nnipa a wɔtaa de nsɛm yiyi wɔn ho ano no, ebedu baabi no na aka wɔn ahonim. Ebewie ase no, wɔyɛ bɔne mpo a, ɛrenhaw wɔn bio.”—Heather.
Ɛho asotwe biara, gye tom. Bible ka sɛ: “Tie nteɛso.” (Mmebusɛm 8:33) Nnwiinwii; biribiara a w’awofo de bɛkame wo no, gye tom.
“Wokasa asotwe no ho pii a, wobɛsɛe w’asɛm mmom. Sɛ biribi na wɔde akame wo a, hwɛ nea wubetumi ayɛ wɔ ho, na mfa w’adwene nsi nea woahwere no so.”—Jason.
Yɛ nea ɛbɛma wɔagye wo adi bio. Bible ka sɛ: ‘Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ no hyia no ngu.’ (Efesofo 4:22) Fi ase yɛ nneɛma a ɛbɛma wɔagye wo adi.
“Sɛ woyɛ nneɛma pa toatoa so a, ɛbɛma w’awofo ahu sɛ mfomso a wudii no, worensan nyɛ bio, na ɛbɛma wɔagye wo adi bio.”—Karen.
NYANSAHYƐ: Nea w’awofo pɛ sɛ woyɛ no, yɛ ma ɛmmoro so mpo. Wopɛ a, da foforo a wubepue no, sɛ wobɛba abedu fie ntɛm mpo a, wonam kwan so no, frɛ w’awofo ma wonhu sɛ woreba fie. Woyɛ saa a, na ɔkwan bi so no, woreka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mepɛ sɛ mugye me di bio.’